Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:58 - Apam Foforɔ

58 Na Petro dii n’akyi akyirikyiri de koduruu sɔfo panyini he abane mu hɔ, na ɔkɔɔ mu he ɔne asraafoɔ he tenaa ase sɛ ɔɔbɛhwɛ deɛ obesi.

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:58
10 Referans Kwoze  

Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.


Saa berɛ yi na Simon Petro gyina hɔ ɔɔto gya. Bebisaa no sɛ, “Wo nso woyɛ beema yi asuafoɔ he mu baako, ɔnte saa?” Ɔsanee sɛ, “Daabi menka ho.”


Nti awɛmfoɔ he sane kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he hɔ, na bebisaa awɛmfoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne hoankye no?”


Sɛ wo ne wo soboɔbɔni nam kwane so ɔɔkɔ asennibea a, yɛ ntɛm na wo ne no mmom ansa na wo ne no aduru asennibea hɔ, anyɛ saa a wo soboɔbɔni he de wo bɛhyɛ temufoɔ nsa, na temufoɔ he so de wo ahyɛ wɛmfoɔ nsa, na ɔde wo akɔto afiase.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,


Afei bɛkyee Yesu de no kɔeɛ, na bɛde no kɔɔ sɔfo panyini he fie, na Petro di bɛ akyi ya akyirikyiri.


Berɛ a asɔfoɔ ne awɛmfoɔ he huu Yesu he, bɛteateaam sɛ, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!” Pilato ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa homfa no na hommɔ no asennua mu. Menhu mfomsoɔ biaa ne ho.”


Nso bere a awɛmfoɔ he duruu hɔ he, bɛanhu bɛ afiase hɔ. Nti bɛsane kɔbɔɔ amanneɛ sɛ,


Nti asɔrefie hwɛfoɔ he ne n’awɛmfoɔ kɔfaa bɛ baeɛ, nso bɛanyɔ bɛ gidigidi, efiri sɛ na besuro sɛ nkurofoɔ he besi bɛ aboɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite