Nti berɛ a Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ asɔredane mu hɔ he, ɔteaam sɛ, “Honim me, na honim baabi a mefiri nso. Na ɔnyɛ m’ankasa mepɛ so na me baeɛ, na nea ɔsomaa me he yɛ nɔkwafoɔ a honnim no.
Na afei berɛ a Yesu wuraa asɔredane mu hɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu mpanyimfoɔ baa ne nkyɛne, berɛ a ɔɔkyerɛkyerɛ he. Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ tumi ne wode yɔ saa nnoɔma yi, na hwane ne maa wo saa tumi yi?”
Na ogu so ɔɔkasa he, Yuda a ɔyɛ dummienu he mu baako beduru hɔ, na nnipadɔm pii ka ne ho a bekitakita asekane ne mmaa a na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ na asoma bɛ.