Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:53 - Apam Foforɔ

53 Anaa wodwene sɛ mentumi nsrɛ m’agya, ma ɔnsoma abɔfoɔ bɛboro dɔm dummienu mmra me seeseiaa anaa?

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:53
12 Referans Kwoze  

Yei akyi he, Bronsam gyaa no hɔ, na afei abɔfoɔ ba bɛsomm no.


Na Yesu bisaa no sɛ, “Wo dini de sɛ?” Ɔkaa sɛ, “Mene dodoɔ” efiri sɛ na honhommɔne pii ahyɛ ne mu.


Yeinom ho ne Henok nso a ɔtɔ Adam so nson awoɔ ntoatoasoɔ mu hyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne n’abɔfoɔ kronkron mpempem bɛba,


na wama ho a ahohiahia ba ho so he ahome, da a bebeyi Awurade Yesu ne n’abɔfoɔ a bɛwɔ tumi adi afiri soro ya gyaframa mu,


“Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so.


Afei, Yesu bisaa no sɛ, “Wo dini de sɛ’?” Oyi ano sɛ, “Me de Dodoɔ, efiri sɛ yɛ dɔɔso.”


Na bɛbaa Yesu hɔ, na bebehuu nea kane he na ɔwɔ ahonhommɔne a na bɛfrɛ no Dɔm he sɛ ɔte hɔ fira ntoma na n’adwene mu ate. Na besuroeɛ.


Biaa nnye mfiri me nsam, na m’ankasa ne mefiri mepɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi sɛ mesane fa bio. Menyaa yei ho ahyɛdeɛ firii m’Agya nkyɛne.”


Yesu buaa sɛ, “M’ahennie mfiri wiase yi mu. Sɛ nka ofiri wiase yi mu a, nka m’asomfoɔ bɛko na bɛamfa me anhyɛ Yudafoɔ he nsa. Nso m’ahennie mfiri ha.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite