Nti Pilato huu sɛ ontumi nyɔ bibiaa bio, na afei basabasa bi ɔɔhyɛ aseɛ he, ɔfaa nsuo bi hohoro ne nsa nipakuo he anim, kaa sɛ, “Menni beema yi mogyaa ho fɔ; honyɔ deɛ hopɛ.”
Afei da a odi kane a bedi paanoo a mmɔreka nnim he, berɛ a beku Twam dwane he, Yesu asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yekosiesie ma wodi Twam he?”
Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.
Nti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na bɛ nyinaa de koma koro bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na bɛkyee Gaio ne Aristarko a bɛyɛ Makedoniafoɔ ne Paulo akwantuo mu ahokafoɔ he.