Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:46 - Apam Foforɔ

46 Honsɔre, mma yɛnkɔ. Hwɛ, deɛ obeyi me ama he abɛne.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:46
11 Referans Kwoze  

Nso obuaa sɛ, “Mmɛ ne hooyɔ yi, sɛ hode su ɔɔte me nsono mu yi? Masiesie me ho sɛ ɔnyɛ kyekyere a bɛbɛkyekyere me nkoaa, na mmom, sɛ otwa sɛ mewu mpo a mewu ama Awurade Yesu dini ya Yerusalem.”


nso meeyɔ sɛnea Agya he hyɛ me he, na wiase ahu sɛ me dɔ Agya he. Honsɔre ma yemfiri ha nkɔ.


Nɔkorɛ di, mewɔ asubɔ bi da m’anim, na hwɛ sɛnea me ho yera me kosi sɛ bebewie!


Berɛ a nna he ɔɔbɛne ama bɛafa Yesu akɔ soro he, ɔde sii n’ani so dendenndene sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mepɛ paa sɛ me ne ho bedi twam yi ansa na mahu amane;


Na afei ɔbaa asuafoɔ he nkyɛne bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nti hogu so ɔɔda gye ho ahome? Hwɛ, berɛ he abɛne, sɛ bebeyi Nipa Ba he ahyɛ nnebɔnyɛfoɔ nsa.


Na ogu so ɔɔkasa he, Yuda a ɔyɛ dummienu he mu baako beduru hɔ, na nnipadɔm pii ka ne ho a bekitakita asekane ne mmaa a na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ na asoma bɛ.


Honnsɔre ma yɛnkɔ. Honhwɛ, deɛ obeyi me ama he abɛne.”


“Na honhu sɛ, nea obeyi me ama he ne me te didipono yi ho,


Petro danee ne ho he, ohuu suani a Yesu dɔ no he sɛ odi n’akyi, nea na ɔtweree Yesu kokom adidie he ase a obisaa sɛ, “Awurade, hwane ne beyi wo ama he.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite