Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:45 - Apam Foforɔ

45 Na afei ɔbaa asuafoɔ he nkyɛne bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nti hogu so ɔɔda gye ho ahome? Hwɛ, berɛ he abɛne, sɛ bebeyi Nipa Ba he ahyɛ nnebɔnyɛfoɔ nsa.

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:45
14 Referans Kwoze  

Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.


Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam


“Afei me kra ho yera no. Na mmɛ ne menka? ‘Agya, gye mefiri dɔno yi mu’? Daabi! Yei nti ne saa mmerɛ yi ato me.


Berɛ a na me ne ho ya asɔrefie hɔ daa he, hoantene ho nsa me so. Nso yei ne ho berɛ ne sum mu tumi.”


Ɔkaa sɛ, “Hokɔ kuro he mu a, hobehu beema bi, honka nkyerɛ no sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfoɔ he dɛ, Me berɛ abɛne; na me ne m’asuafoɔ he bedi twam aduane he wo fie.’ ”


“Honim sɛ, aaka nnanu na Twam afahyɛ he aduru, na bebeyi Nipa Ba he ama, na bɛabɔ no asennua mu.”


Nti ogyaa bɛ hɔ bio he, ɔkɔ kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so na ɔkaa asɛm korɔ heaa.


Honsɔre, mma yɛnkɔ. Hwɛ, deɛ obeyi me ama he abɛne.”


Na ɔkɔɔ animu kakra he, ɔde ne ho too fam na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ obetumi a nka berɛ he ntwa ne ho nkɔ.


Yesu buaa sɛ, “Berɛ he aduru sɛ bɛhyɛ Nipa Ba he animuonyam.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite