40 Afei ɔsane baa asuafoɔ he nkyɛne behuu sɛ bɛɛda; na ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nti wantumi ne me anwɛne dɔnhwere baako mpo?
Na ɔba behuu sɛ bɛadeda; na obisaa Petro sɛ, “Ei! Simon, wada? Nti woantumi anwɛne dɔnhwere baako mpo?
Na ɔsɔre firii mpaebɔ mu he, ɔkɔɔ asuafoɔ he nkyɛne kohuu sɛ awerɛhoɔ nti bɛadeda.
Bio, ɔba behuu sɛ bɛɛda, efiri sɛ na bɛ ani kum yie.
Na aaka Petro ne bɛ a bɛka ne ho he; na berɛ a bɛ ani so tetee bɛ he, behuu n’animuonyam he ne mmeema mmienu a bɛ ne no gyina hɔ he.
Petro ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ otwa sɛ me ne wo wu mpo a, mempa wo da.” Na saa ne asuafoɔ he nyinaa nso kaeɛ.
Na ɔka kyerɛ bɛ sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de ɔɔkɔ wuo mu; hontwɛne ha na ho ne me nwɛne.”
Ɔkyɛreɛ a ayefokunu he mmaeɛ he, bɛ nyinaa bɛ ani kumiiɛ na bɛdedaeɛ.
Honwɛne na hommɔ mpaeɛ na hoankɔ sɔhwɛ mu; honhom he pɛ deɛ nso honam he ɔmmerɛ.”