Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:39 - Apam Foforɔ

39 Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:39
27 Referans Kwoze  

efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.


ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kosii wuo mu, ɛɛ! asennua so wuo mu mpo.


Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.”


Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.


“M’ankasa mentumi mmɔ me tim nyɔ hwee. Nea mete heaa ne megyina so bu atɛne, na atɛne a mebu he tene, efiri sɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me he apɛdeɛ.


nso meeyɔ sɛnea Agya he hyɛ me he, na wiase ahu sɛ me dɔ Agya he. Honsɔre ma yemfiri ha nkɔ.


Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa sekane he hyɛ bɔha he mu. Nti ɔnsɛ sɛ mennom kuruwa a Agya he de ama me he anaa?”


Nti beyii boɔ he hɔ. Na Yesu hwɛɛ soro, na ɔkaa sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Nso Yesu buaa sɛ, “Wonnim deɛ woobisa he. Hobetumi anom kuruwaa a mɛnom he bi?” Bebuaa sɛ, “Yebetumi.”


Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.


Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”


Berɛ a Petro piee hɔ he, Konelio kohyiaa no hwee ne nane ase sɔree no.


Na ɔde n’anim butu Yesu nane ase daa no ase; na ɔyɛ Samariani.


Kristo atorɔfoɔ ne adiyifoɔ atorɔfoɔ bɛba na bɛayɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ, na sɛ obetumi a, nka bɛde adaadaa bɛ a bɛayi bɛ he.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite