36 Afei Yesu ne n’asuafoɔ he kɔɔ bea bi a bɛfrɛ hɔ Getsemane; na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontena ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ.”
Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.”
Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”
Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.
Na wo deɛ, sɛ woobɔ mpaeɛ a, kɔhyɛ wo dane mu na to wo ho pono mu na bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka.