3 Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,
Na Anas maa bɛkyekyeree Yesu de no kɔmaa sɔfopanyini Kaiafa.
Na Petro dii n’akyi akyirikyiri koduruu sɔfo panyini he adi hɔ; na ɔne abammɔfoɔ he tenaa gya ho toeɛ.
Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.
Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.
Asɔfoɔ mpanyimfoɔ Anas ne Kaiafa nna he mu he, Nyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛne ya serɛ he so.
Berɛ a yeinom ɔɔkɔ so he na Petro te fie he adihɔ. Abaawa bi baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Wo nso na woka Yesu a ofiri Galilea he ho.”
Afei amrado asraafoɔ he faa Yesu kɔɔ amrado he abane mu, na bɛboaboa kuo he nyinaa ano twaa ne ho hyiaeɛ.
Afei berɛ a na Petro ya aseɛ hɔ he, sɔfo panyini he mmaawa he mu baako baa hɔ.
Afei asraafoɔ he de no firii hɔ kɔɔ adi hɔ (Ammrado abankɛseɛ mu hɔ), na bɛfrɛɛ asrafokuo he nyinaa hyiaeɛ.
Berɛ a bɛsɔɔ gya adihɔ tenatenaa ho he, na Petro te bɛ mu bi.