Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:28 - Apam Foforɔ

28 na yei ne me mogyaa a ɔyɛ apam he mogyaa a, nnipa bebree nti beehwie agu ama bɔne fakyɛ.

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:28
26 Referans Kwoze  

sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.”


Mebuaa sɛ “Owura, wo ne wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne bɛ a bɛafiri taa mu, na bɛde Adwamaa he mogyaa ahohoro bɛ ntaadeɛ ama ayɛ fitaa.


Saa ara nso ne adidie he akyi he, ɔfaa kuruwaa he nso; na ɔkaa sɛ, “Kuruwaa yi yɛ Apam foforɔ a ɔnam me mogyaa so he. Honyɔ yei, da biaa a hobɛnom he, homfa nkae me.”


Na Kristo he ankasa ne yɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ, na ɔnyɛ yɛ bɔne nkoaa, na mmom wiase nyinaa bɔne nso.


Na asomdwie Nyankopɔn a ɔnam daa apam he mogyaa so, ayi nnwane he hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛ Awurade Yesu afiri awufoɔ mu he,


saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.


Ne mu ne yɛnam ne mogyaa so anya gyeɛ, a ɔne yɛ mfomsoɔ ho fakyɛ, sɛnea n’adom mmorosoɔ teɛ


ne mu ne yɛanya gyeɛ mapa ɔkyerɛ sɛ yɛanya bɔne fakyɛ nso.


Afei nso, ɔfaa paanoo daa ase, bubuu mu de maa bɛ kaa sɛ, “Yei ne me honam a bɛde bɛma, esiane ho nti. Honyɔ yei mfa nkae me.”


na Nyankopɔn nam Kristo so apata ɔno Nyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɔne sɛ, ɔnam Kristo asennua ho mogyaa so asiesie Nyankopɔn ne nnoɔma a ɔya asaase so ne soro nyinaa ntam; na ɔnam nkabom yi so ama asomdwie aba.


Sɛnea ɔnam baakofoɔ asoɔdene so maa nnipa bebree yɛɛ nnebɔnyɛfoɔ he, saa ara ne nipa baako setie bɛma nnipa bebree ayɛ ahoteefoɔ.


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me mogyaa a ɔyɛ apam foforɔ he mogyaa a nnipa bebree nti beehwie agu.


Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.


Na ɔnyɛ sɛdeɛ mmarato he teɛ ne adom akyɛdeɛ he nso teɛ, efiri sɛ baakofoɔ mmarato nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn Adom ne nipa baako a ɔno ne Yesu Kristo he mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa.


Suboni Yohane baa serɛ he so a, na ɔpaee mu kaa adwensakra ho asubɔ a ɔde kɔ bɔne fakyɛ mu.


Na fa yɛ ka kyɛ yɛ, sɛnea yɛ nso yɛde akyɛ bɛ a bɛde yɛ ka.


Na ɔfaa kuruwaa, na ɔdaa ase wieeɛ he, ɔde maa bɛ kaa sɛ, “Ho nyinaa honnom bi;


Meeka akyerɛ ho, mennom saa bobesa yi bi bio kosi da a me ne ho bɛnom no kwane foforɔ so m’ Agya ahennie mu.”


Saa ara nso ne berɛ a bedii anwummerɛduane he wieeɛ he, ɔfaa kuruwa he na ɔdaa ase de maa bɛ kaa sɛ, “Kuruwaa yi ne me mogyaa, apam foforɔ he mogyaa, a ho nti, beehwie agu.


Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite