21 na beedidi he, ɔkaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorɛ mu sɛ, ho mu baako beyi me ama.”
Na Yesu kaa yei wieeɛ he, ne ho yeraa no ne honhom mu, na ɔpaem kaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ho mu baako beyi me ama.”
Na abɔdeɛ biaa ntumi nhinta no, ne nyinaa da adagya na so abie a ɔda deɛ yɛ nyinaa bebu nkonta akyerɛ no he anim pefee.
Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ.
“Honim sɛ, aaka nnanu na Twam afahyɛ he aduru, na bebeyi Nipa Ba he ama, na bɛabɔ no asennua mu.”
Yei maa bɛyɛɛ basaa paa, na bɛhyɛɛ aseɛ bisaa no sɛ, “Awurade, ɔyɛ me anaa?”
Ɔnyɛ ho nyinaa ho asɛm ne meeka yi, me deɛ menim bɛ a maayi bɛ. Na mmom sɛnea ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam sɛ, ‘Nea me ne no bɔ kosua tafere he, ayi me ama ntia.’
Na asuafoɔ he hwehwɛɛ bɛ ho bɛ ho anim a na benhu onii korɔ a ɔɔka ne ho asɛm he.