Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:18 - Apam Foforɔ

18 Ɔkaa sɛ, “Hokɔ kuro he mu a, hobehu beema bi, honka nkyerɛ no sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfoɔ he dɛ, Me berɛ abɛne; na me ne m’asuafoɔ he bedi twam aduane he wo fie.’ ”

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:18
18 Referans Kwoze  

Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ, na ho deɛ, berɛ biaa yɛ ma ho.


Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam


Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.


Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.


Honkɔ afahyɛ he ase, me deɛ mennya nkɔɔ afahyɛ yi ase, efiri sɛ berɛ he nnuruiɛ.”


Yesu buaa sɛ, “Berɛ he aduru sɛ bɛhyɛ Nipa Ba he animuonyam.


Berɛ a na me ne ho ya asɔrefie hɔ daa he, hoantene ho nsa me so. Nso yei ne ho berɛ ne sum mu tumi.”


Ɔkaa yei wieeɛ he, Marta kɔfrɛɛ ne Maria kokoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ he aba ha, na ɔɔfrɛ wo.”


Na ogu so ɔɔkasa he, nnipa bi firi hyiadane mu panyini he fie bɛkaa sɛ, “Wo ba baa he awu, mmɛ nti ne woda so ɔɔha kyerɛkyerɛfoɔ he?”


“Honim sɛ, aaka nnanu na Twam afahyɛ he aduru, na bebeyi Nipa Ba he ama, na bɛabɔ no asennua mu.”


Afei homma bɛmmfrɛ ho akyerɛkyerɛfoɔ nso, efiri sɛ, howɔ kyerɛkyerɛfoɔ baako, ɔno ne Kristo he.


Nso ɔnsɛ sɛ bɛfrɛ ho Rabi, efiri sɛ ho kyerɛkyerɛfoɔ yɛ baako, na ho nyinaa hoyɛ asuafoɔ.


Sɛ bi bisa ho asɛm a, ho deɛ honka sɛ, ‘Bɛ ho hia ma Awurade.’ Na ntɛmaa ɔbɛma ho de bɛ aba.”


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Maria!” Na ɔdanee ne hoka kyerɛɛ no Hebri kasa mu sɛ “Rabuni” (asekyerɛ ne sɛ “Kyerɛkyerɛfoɔ!”)


Prɛko pɛ, Yuda baa Yesu nkyɛne bɛkaa sɛ, “Rabi, Mekyea wo,” na ɔfee n’ano.


Nti asuafoɔ he yɔɔ deɛ Yesu kaeɛ he, na besiesie Twam aduane he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite