Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:13 - Apam Foforɔ

13 Meeka akyerɛ ho nɔkorem, wiase baabi a bɛ bɛpae mu aka asɛmpa yi, bɛbɛka deɛ baa yi ayɔ yi de akae no.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:13
19 Referans Kwoze  

Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, wiase baabi a bɛbɛpaem aka asɛmpa he, bɛbɛka deɛ waayɔ yi de akae no.”


Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.


Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.


Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam soro soro a ɔɔkɔka Asɛmpa a ontwam da he akyerɛ asaase so nnipa a amane ne mmusuakuo ne kasa ne nkurofoɔ nyinaa ka ho.


a ɔde ne ho yɛɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa; bedii yei ho adanseɛ berɛ pa mu.


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


Na ɔnyɛ deɛ oyi ne ho ayɛ ne fata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ he ne fata.


tumi a ɔyɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne, Nyankopɔn Honhom tumi mu, sɛ maawie Kristo asɛmpa he ka firi Yerusalem de kosi Iliriko.


Nso meebisa sɛ, bɛntee koraa? Nɔkwasɛm ne sɛ bɛate; efiri sɛ “Bɛapae mu aka no asaase nyinaa so, na bɛ nsɛm nso aduru wiase afanaa nyinaa.”


na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu​, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem.


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Na otwa sɛ bɛpae mu ka asɛmpa he kyerɛ amane nyinaa kane.


Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Beema he hwɛɛ no dinn, na hu kaa no ma obisaa sɛ, “Awurade, ɛɛne a?” Obuaa sɛ, “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aforo soro ayɛ nkaeɛ Nyankopɔn anim.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite