Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 25:6 - Apam Foforɔ

6 Nso anadwo dasuom bɛtee nteamu, ‘Hwɛ, ayefokunu he di! Hommra mmehyia no.’

Gade chapit la Kopi




Mateo 25:6
24 Referans Kwoze  

Na Awurade da he bɛba mpofirem te sɛ korɔmfoɔ ɔɔba he. Saa da he, soro bɛbobom dendene na ayera, na wiem nnoɔma bɛhye na asɛe, na bɛapa asaase ne so nnwuma nyinaa nso ho ntoma.


Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu.


Nti ho nso honna ho ho so, efiri sɛ dɔnhwere a ho ani nna so mu na Nipa Ba he bɛba.


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama bɛde totorobɛnto nyegyeɛ a ano ɔdene aba; na bɛbɛboaboa bɛ a bɛayi bɛ he ano afiri wiase mframa nnan he mu, firi soro ano akosi ano.


(“Hontie! Hwɛ, meeba te sɛ korɔmfoɔ. Nhyira ne nea ɔwɛne na ɔhwɛ ne ntaadeɛ so sɛnea ɔɔnnante adagya, ngu ne ho anim ase badwam!”)


efiri sɛ Awurade he ankasa de nteamu dendene, bɔfo panyini frɛ ne Nyankopɔn totorobɛnto nne, bɛsiane afiri soro, na Kristo mu awufoɔ anyane kane.


saa akoa he wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwane ne dɔno a onnim sɛ ɔbɛba mu, na ɔbɛtwe n’aso dendenndene na ɔde no afra bɛ a bɛnnye nni mu.


Nso Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yiaa bɛbɛgye wo kra afiri wo nsam. Na ɔba saa a, hwane ne nnoɔma a wode asie he bɛyɛ ne dea?’


“Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so.


Ɔkyɛreɛ a ayefokunu he mmaeɛ he, bɛ nyinaa bɛ ani kumiiɛ na bɛdedaeɛ.


Nti mmabaa he nyinaa sɔre sosɔɔ bɛ nkanea he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite