4 nso mmadwemma he deɛ bɛfaa ngo kaa bɛ nkanea he ho.
Nso honni honam mu; hoya Honhom mu, esiane Nyankopɔn Honhom a ɔte ho mu nti. Biaa a onni Kristo Honhom he nyɛ Kristo dea.
Na ho deɛ, ngosra a honyaa no ne nsa mu he te ho mu, nti onhia ho sɛ bi kyerɛkyerɛ ho; na mmom nea ngosra heaa kyerɛkyerɛ ho afa adeɛ nyinaa ho he, hontena deɛ wasra ho ngo he mu. Na nea wakyerɛkyerɛ ho he yɛ nɔkorɛ, na ɔnyɛ torɔ!
Na nea Nyankopɔn asoma no he ka Nyankopɔn asɛm, na Nyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama.
Na ho deɛ, hoanya ngosra firi Kronkronni he hɔ, nti ho nyinaa howɔ nimdeɛ.
Yeinom ne nnipa a bɛnam bɛ akɔnnɔ so de mpaepaemu ba he. Na benni Honhom he.
Afei nso waahyɛ yɛ nsõ, na waama yɛ ne ba he ho nsɛnkyerɛnne a ɔno ne Honhom Kronkron he yɛ akoma mu.
“Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so.
“Hwɛ, meesoma ho sɛ nnwane akɔ mpataku mfimfini; nti honya nyansa sɛ wɔ, na honyɛ nnipa a ho ho nni asɛm te sɛ mmuburo.
Na bɛ mu nnum yɛ mmadwemma, na nnum nso nyɛ mmadwemma.
Berɛ a bɛ a bɛnyɛ mmadwemma he faa bɛ nkanea he bɛamfa ngo anka ho;
Ɔkyɛreɛ a ayefokunu he mmaeɛ he, bɛ nyinaa bɛ ani kumiiɛ na bɛdedaeɛ.