10 Na bɛkɔɔ sɛ bɛɛkɔtɔ bi he, ayefokunu he baeɛ, na bɛ a bɛasiesie bɛ ho he ne no kɔɔ ayefohyia he ase; na bɛtoo pono he mu.
Na sɛ fiewura he nya sɔre to pono he mu a, afei hobegyina abɔntene abɔ pono he mu aka sɛ, ‘Owura, bie yɛ.’ Nso obebua ho sɛ, ‘Mennim baabi a hofiri.’
Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so.
Nti ho nso honna ho ho so, efiri sɛ dɔnhwere a ho ani nna so mu na Nipa Ba he bɛba.
Nea odi nwoma yi ho adanseɛ he ka sɛ, “Nɔkorɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba!” Ɔmmra mu saa. Awurade Yesu, bra!
Nso anadwo dasuom bɛtee nteamu, ‘Hwɛ, ayefokunu he di! Hommra mmehyia no.’
Afei nea aka a ɔsɛ sɛ me nsa ka ne tenenee abotire a Awurade, temufoɔ a ɔtene he de bɛma me Da he, ɔnyɛ me nko na mmom bɛ a bɛdɔ n’ahoyie nyinaa nso.
Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!
berɛ a hode aseda ɔɔma Agya a waama hoafata sɛ honya ahoteefoɔ a bɛya hann he mu agyapadeɛ mu kyɛfa.
Ɔnyɛ biaa a ɔfrɛ me sɛ, Awurade, Awurade, ne bɛkɔ soro ahennie mu, na mmom deɛ ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ.
Saa nti ho nkɔ so nwɛne, efiri sɛ honnim da korɔ a ho Wura bɛba.
Honte aseɛ: Sɛ nka fiewura nim berɛ pɔtee dasuom a korɔmfoɔ bɛba a, nka ɔbɛnwɛne, na korɔmfoɔ annya kwane ammebu ne dane anwura mu.
“Hommɔ abɔsoɔ, na homma ho nkanea nnɛre,
Homma yɛ ho nsɛpɛ yɛ na yɛ ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam, efiri sɛ, dwammaa he ayefohyia aduru, na ne yerɛ asiesie ne ho.