44 Nti ho nso honna ho ho so, efiri sɛ dɔnhwere a ho ani nna so mu na Nipa Ba he bɛba.
Na bɛkɔɔ sɛ bɛɛkɔtɔ bi he, ayefokunu he baeɛ, na bɛ a bɛasiesie bɛ ho he ne no kɔɔ ayefohyia he ase; na bɛtoo pono he mu.
Saa nti honwɛne, efiri sɛ honnim da anaa dɔnhwere korɔ he a (Nipa Ba he bɛba.)
Saa nti ho nkɔ so nwɛne, efiri sɛ honnim da korɔ a ho Wura bɛba.
Ho nso honsiesie ho ho, efiri sɛ dɔno a honsusu koraa mu ne Nipa Ba he bɛba.”
Homma nnipa nyinaa nhu ho dwoɔ. Awurade abɛne.
Na sɛdeɛ anyinam pae firi apieɛ kɔ atɔeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he maeɛ mu.
Homma yɛ ho nsɛpɛ yɛ na yɛ ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam, efiri sɛ, dwammaa he ayefohyia aduru, na ne yerɛ asiesie ne ho.
Adɔfonom, honngu ahome ntietia ho ho ho ho, na bɛammu ho atɛne. Honhwɛ, temmufoɔ he gyina aboboɔ he ano!
Honte aseɛ: Sɛ nka fiewura nim berɛ pɔtee dasuom a korɔmfoɔ bɛba a, nka ɔbɛnwɛne, na korɔmfoɔ annya kwane ammebu ne dane anwura mu.
Nso honhu yei sɛ, sɛ fiewura nim dɔno korɔ a korɔmfoɔ bɛba a, nka wamma no ammetu ne dane ase ammewura mu.
Nti, honwɛne, na honsrɛ berɛ nyinaa na hoatumi agyina nnoɔma a otwa sɛ osisi yi nyinaa ano, na hoatumi agyina Nipa Ba he anim akokoɔduro so.”