42 Saa nti ho nkɔ so nwɛne, efiri sɛ honnim da korɔ a ho Wura bɛba.
Nti, honwɛne, na honsrɛ berɛ nyinaa na hoatumi agyina nnoɔma a otwa sɛ osisi yi nyinaa ano, na hoatumi agyina Nipa Ba he anim akokoɔduro so.”
Saa nti hommma yɛnneda sɛ binom, na mmom homma yɛnnwɛne na yɛ ani nna hɔ;
Saa nti honwɛne, efiri sɛ honnim da anaa dɔnhwere korɔ he a (Nipa Ba he bɛba.)
(“Hontie! Hwɛ, meeba te sɛ korɔmfoɔ. Nhyira ne nea ɔwɛne na ɔhwɛ ne ntaadeɛ so sɛnea ɔɔnnante adagya, ngu ne ho anim ase badwam!”)
Honwɛne, honyina pintinn ho gyidie mu, honya akokoɔduro, honyɛ dene.
“Nso saa da ne dɔnhwere he deɛ biaa nnim, soro abɔfoɔ, anaa Ɔba he mpo nnim, gye sɛ Agya he nkoaa.
Yeinom nyinaa akyi he, honim sɛnea berɛ he teɛ, sɛ saa berɛ yi ne ɔsɛ sɛ hosɔre firi ho nna mu; efiri sɛ nkwagyeɛ bɛne yɛ kyɛne berɛ a yɛbɛyɛɛ agyidifoɔ;
Nti ho nso honna ho ho so, efiri sɛ dɔnhwere a ho ani nna so mu na Nipa Ba he bɛba.
Homma ho ani nna hɔ, na honwɛne, efiri sɛ, ho tamfoɔ bronsam he nam sɛ gyata a ɔɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.
Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.
Honte aseɛ: Sɛ nka fiewura nim berɛ pɔtee dasuom a korɔmfoɔ bɛba a, nka ɔbɛnwɛne, na korɔmfoɔ annya kwane ammebu ne dane anwura mu.
Na bɛkɔɔ sɛ bɛɛkɔtɔ bi he, ayefokunu he baeɛ, na bɛ a bɛasiesie bɛ ho he ne no kɔɔ ayefohyia he ase; na bɛtoo pono he mu.
“Na honhwɛ ho ho so yie, na adidi mmorosoɔ ne nsaborɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ ho akoma so, na da he ammɛto ho mpofirem te sɛ fidie,