Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 24:30 - Apam Foforɔ

30 Na Nipa Ba he ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi soro, na asaase so mmusuakuo nyinaa besu, na bebehu ‘Nipa Ba he sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ nam soro mununkum mu ɔɔba.’

Gade chapit la Kopi




Mateo 24:30
17 Referans Kwoze  

Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woaa woaka, Na meeka akyerɛ ho, Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, hobehu Nipa Ba he sɛ ɔte Nyankopɔn Tumfoɔ nifa so na ɔte soro mununkum so ɔɔba asaase so.”


Na afei hobehu sɛ Nipa Ba he nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ ɔɔba.


Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ so he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no kokoam sɛ, “Ka kyerɛ yɛ, da bɛ ne yeinom besi, na mmɛ nsɛnkyerɛnne ne bɛda adi fa wo mmaeɛ ne awieeɛ berɛ he mu?”


na wama ho a ahohiahia ba ho so he ahome, da a bebeyi Awurade Yesu ne n’abɔfoɔ a bɛwɔ tumi adi afiri soro ya gyaframa mu,


Na afei bebehu Nipa Ba he sɛ osiane mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Nso, efiri sesɛɛ ɔɔkɔ he nipa Ba he bɛtena Nyankopɔn nsa nifa a tumi yam he so.”


“Ka kyerɛ yɛ, mmɛ berɛ ne yei bɛyɔ hɔ, na mmɛ ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ saa nnoɔma yi nyinaa ɔɔbɛba mu?”


Na sɛdeɛ Noa nna he yɛeɛ he, saa ne Nipa Ba he so maeɛ bɛ yɛ.


Na bɛanhu hwee kosi sɛ nsuhyiri he baeɛ bɛfaa bɛ nyinaa kɔeɛ. Na sɛdeɛ ɔyɛeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he mmaeɛ mu.


Afei nsɛnkyerɛnne kɛseɛ bi daa ne ho adi soro. Baa bi pieeɛ a na ofira awia a bosome ya ne nane ase, na nsoromma dummienu ahenkyɛ hyɛ no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite