Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 24:3 - Apam Foforɔ

3 Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ so he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no kokoam sɛ, “Ka kyerɛ yɛ, da bɛ ne yeinom besi, na mmɛ nsɛnkyerɛnne ne bɛda adi fa wo mmaeɛ ne awieeɛ berɛ he mu?”

Gade chapit la Kopi




Mateo 24:3
23 Referans Kwoze  

Afei obuaa bɛ sɛ, “Ɔnyɛ ho asɛm sɛ hobehu berɛ anaa nna a Agya he ankansa de ne tumi ahyɛ ato hɔ,


Na sɛdeɛ Noa nna he yɛeɛ he, saa ne Nipa Ba he so maeɛ bɛ yɛ.


Saa ara ne ɔbɛyɛ awieeɛ berɛ mu. Abɔfoɔ he bɛba abɛfa abɔnefoɔ he afiri teneneefoɔ mu


Afei bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mmɛ berɛ koraa ne yeinom bɛba mu, na mmɛ ne ɔbɛyɛ berɛ a otwa sɛ nnoɔma yi ba he ho nsɛnkyerɛnne?”


Berɛ a bɛbɛnee Yerusalem, na beduruu Betfage, Ngo Bepɔ so he, Yesu somaa asuafoɔ mmienu,


Na bɛanhu hwee kosi sɛ nsuhyiri he baeɛ bɛfaa bɛ nyinaa kɔeɛ. Na sɛdeɛ ɔyɛeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he mmaeɛ mu.


Na sɛdeɛ anyinam pae firi apieɛ kɔ atɔeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he maeɛ mu.


efiri sɛ nka obehu amane da biaa firi wiase ahyɛaseɛ. Nso sɛdeɛ ɔteɛ yi deɛ, waayi ne ho adi prɛko ama biaa kosi wiase awieeɛ sɛ ɔde ɔno ankasa ne ho bɛbɔ afɔreɛ ayi bɔne hɔ.


na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”


Na asuafoɔ he baa Yesu nkyɛne kokoam bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti na yɛantumi antutu no yi?”


Honte aseɛ: Sɛ nka fiewura nim berɛ pɔtee dasuom a korɔmfoɔ bɛba a, nka ɔbɛnwɛne, na korɔmfoɔ annya kwane ammebu ne dane anwura mu.


Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ Farisifoɔ he tee deɛ wokaeɛ yi ato bɛ sintidua?”


Afei ogyaa nnipakuo he hɔ, na ɔkɔɔ fie. Na n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne, bɛkaa sɛ, “Kyerɛkyerɛ yɛ mfantoho a ɔfa wuraa a ɔya mfuom he ase.”


“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.”


Na Nipa Ba he ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi soro, na asaase so mmusuakuo nyinaa besu, na bebehu ‘Nipa Ba he sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ nam soro mununkum mu ɔɔba.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite