Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 24:15 - Apam Foforɔ

15 “Nti sɛ hohu sɛ akyiwadeɛ a ɔbɔ mane he gyina kronkronbea hɔ a, sɛdeɛ diyifoɔ Daniel kaeɛ he a (otwa sɛ deɛ ɔkenkane he te aseɛ),

Gade chapit la Kopi




Mateo 24:15
19 Referans Kwoze  

“Nso berɛ a hobehu sɛ bɛde akyiwadeɛ a ɔma mane da mpan he asi baabi a ɔnsɛ sɛ osi he (ma nea ɔɔkenkane he nte aseɛ), hedeɛ ma bɛ a bɛya Yudea nwane nkɔ mmepɔ so;


“Afei nso, sɛ hohu sɛ asrafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, hedeɛ honhu sɛ ne sɛeɛ abɛne.


Nhyira ne nipa a ɔkenkane saa nwoma yi, ne bɛ a betie adiyisɛm he na bedi so sɛnea bɛatwerɛ no saa nwoma yi mu he, efiri sɛ berɛ he abɛne.


efiri sɛ nna bi bɛba a w’atamfoɔ de nnua a ano yɛ mfeamfea bɛto bane atwa wo ho ahyia, na bɛaka wo ahyem ama wo ho ahiahia wo afã nyinaa.


Yei nti, ɔsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛate he mu dene paa, na yɛamfiri ho da.


Na bɛmaa adansekunumufoɔ bɛkaa sɛ, “Beema yi nnyae nsɛm a ɔka tia kronkronbea yi ne Mmara he;


Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he.”


teateaam sɛ, “Israel mmeema, hommɛboa yɛ! Yei ne kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ya baabiaa de sɔre tia mane he ne Mmara ne bea yi, na nea ɔkyɛne ne nyinaa ne sɛ, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de beguu kronkronbea yi ho fi.”


Sɛ yɛma no kɔ so saa a, biaa bɛgye no adi, na Romafoɔ he bɛba abɛsɛe yɛ kronkron bea ne yɛ mane yi.”


hedeɛ bɛ a bɛya Yudea he nnwane nkɔ bepɔ so;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite