Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 24:14 - Apam Foforɔ

14 Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.

Gade chapit la Kopi




Mateo 24:14
29 Referans Kwoze  

Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam soro soro a ɔɔkɔka Asɛmpa a ontwam da he akyerɛ asaase so nnipa a amane ne mmusuakuo ne kasa ne nkurofoɔ nyinaa ka ho.


Nso meebisa sɛ, bɛntee koraa? Nɔkwasɛm ne sɛ bɛate; efiri sɛ “Bɛapae mu aka no asaase nyinaa so, na bɛ nsɛm nso aduru wiase afanaa nyinaa.”


na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu​, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem.


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


Sɛ hokɔ a, hompae mu nka asɛmpa he sɛ, ‘Soro ahennie he abɛne.’


Afei Yesu kyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa ase, kyerɛkyerɛ bɛ hyiadane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa he, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


Na hobɛte ko ne akosɛm; honhwɛ yie na ho akoma antu; efiri sɛ otwa sɛ yeinom nyinaa ba, nso na awieeɛ he nya mmaeɛ.


Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Berɛ a bɛanhu bɛ he, bɛtwee Yason ne agyidifoɔ binom kɔmaa kuro he mu atumfoɔ, na bɛteateaam sɛ, “Mmeema a bɛadane wiase ani he aba ha nso,


Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.


“Na afei menim sɛ ho a me ne ho tenaeɛ na mebɔɔ ahennie he ho dawuro he mu biaa onhu me bio.


Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ so he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no kokoam sɛ, “Ka kyerɛ yɛ, da bɛ ne yeinom besi, na mmɛ nsɛnkyerɛnne ne bɛda adi fa wo mmaeɛ ne awieeɛ berɛ he mu?”


Bɛyɛ ahohommɔne a bɛyɔ anwanwadeɛ. Saa ahohom mmeɛnsa yi kɔɔ ahene a bɛya asaase so nyinaa nkyɛne kɔka bɛ nyinaa boa ano ma Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ he mu ko he.


Na Bronsam de no kɔ baabi a hɔ krɔnn kɔkyerɛɛ no asaase so ahennie nyinaa prɛko;


de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro.


Bɛ mu baako a bɛfrɛ no Agabo sɔreeɛ, na ɔnam Honhom so hyɛɛ nkɔm sɛ kɔm kɛseɛ bi ɔɔba asaase nyinaa so, na nkɔmhyɛ yi baa mu Klaudio berɛ so.


Bio, nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu mmienu yɛ anokorɔ adeɛ biaa a hobebisa no asaase yi so a, m’Agya a ɔya soro he bɛyɔ ama ho.


Na nna he mu he, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ bɛntwerɛ nnipa a bɛya n’ahennie mu nyinaa dini.


Na otwa sɛ bɛpae mu ka asɛmpa he kyerɛ amane nyinaa kane.


efiri sɛ waayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tim pɔ sɛ ɔnam beema bi a wayi no so bebu wiase atentenee mu, na wanyane no afiri awufoɔ mu de ayɔ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”


Bio nso, ɔnyɛ yɛ adwuma a obenya dimmɔne he nkoaa ne asɛm he, na mmom bebebu bosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie nso adehunu, na n’animuonyam a Asia mantam ne asaase sɔfoɔ nyinaa de som no mpo, bɛbrɛ ase.”


Afei nso, berɛ a na ɔno ankasa de ne Ba a ɔkyɛne so he ɔɔba wiase he, ɔkaa sɛ, “Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no.”


Na ɔnyɛ abɔfoɔ ne Nyankopɔn de wiase a ɔɔba a yɛɛka ho asɛm he hyɛɛ bɛ ase.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite