Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyɔ saa, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne bɛ a bedi nwoma yi mu nsɛm mu he soaa pɛ. Nyankopɔn nkoaa ne koto no sɔre no!
Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”
Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”
Nti bɛbaa Yohane nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, beema a na ɔne woya Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ he, ɔɔbɔ asu ha, na nnipa nyinaa ɔɔkɔ ne nkyɛne.”