5 Na bɛyɔ bɛ nnwuma nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a nipa behu bɛ. Na bɛyɔ bɛ nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na bɛyɔ bɛ ntaadeɛ ano nso akɛseɛ.
efiri sɛ bɛpɛ nnipa animuonyam kyɛne Nyankopɔn animuonyam mpo.
Honnnyɔ bibiaa pɛsɛmenkomenya ne animuonyamhunupɛ mu, na mmom homfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ te sɛ bɛkyɛne ho.
Hobɛyɔ dɛ na hoagye adi berɛ a hogye animuonyam firi hoaa ho ho, na honnye animuonyam mfiri Nyankopɔn korɔ he nkyɛne?
Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ne hobu ho ho bem nnipa anim, nso Nyankopɔn nim ho akomam; efiri sɛ nea ɔsombo nnipa ani so he yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn ani so.
na bɛbɔ akunafoɔ apoo, na nyaatwom nti, bɛbɔ mpaeɛ atentene. Yeinom benya fobuo kɛseɛ.”
Ɔyam sɛ binom firi aniberebereɛ ne nitane mu ne pae mu ka Kristo ho asɛm he deɛ, nso afoforɔ ya hɔ a bɛde pɛpa ne ka.
Bɛ a bɛbɔ betim kasa he hwehwɛ bɛ ankasa bɛ animuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no he animuonyam he yɛ nɔkwafoɔ a nea ɔntene biaa nni ne mu.
Afei mpofiremuaa, baa bi a mogyaa atu no mfirinhyia dummienu firii Yesu akyi bɛsɔɔ n’ataadeɛ ano,
Ɔno ne ma ne ho so tia nea besusu sɛ ɔyɛ nyame anaa bosom a bɛsom biaa, na ama no akɔtena Nyankopɔn asɔredane mu de ne ho akyerɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn.