Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 23:34 - Apam Foforɔ

34 Nti meesoma adiyifoɔ, anyansafoɔ ne atwerɛfoɔ, na hobeku binom na hobɛtwa binom mmaa ho hyiadane mu na hoataa bɛ afiri kuro so akɔ kuro so,

Gade chapit la Kopi




Mateo 23:34
36 Referans Kwoze  

Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”


Ɔno ne yɛpae mu ka n’asɛm, na yɛbɔ kɔkɔ de nyansa kyerɛkyerɛ biaa, na yɛde ankorankorɛ biaa akɔ Nyankopɔn anim sɛ nipa a wawie pɛyɛ Kristo mu.


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Sɛ bɛtaa ho kuro baako so a, honwane nkɔ kuro foforɔ so; na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, honnkɔ Israel nkuro nyinaa mu na Nipa Ba he aba.


Asaase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa mmienu he awuwu. Bɛbɛgye bɛ ani na bɛakyɛ bɛ ho akyɛdeɛ, efiri sɛ, saa adiyifoɔ mmienu he ne bɛde haw bɛtoo asaase sofoɔ so.


Besii bɛ aboɔ kuu bɛ, bɛde asradaa paee bɛ mu mmienu, bɛde sekane kuu bɛ; na bɛakɔneabadie nyinaa mu he, ntaadeɛ a na bɛhyɛ nyinaa yɛ nnwane ne mmirekyie nwoma, ohiaa bɛ, bɛ ho hiahia bɛ na bedii bɛ ani.


Nyankopɔn adom a manya he te sɛ dansifoɔ nyansani a metoo fapem, na bi foforɔ oosi bi asi so. Ɔsɛ sɛ biaa hwɛ yie sɛdeɛ ɔto so fa;


Nso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ bɛ a bɛanyini honhom fam, na ɔyɛ nyansa a ɔnyɛ wiase yi deɛ anaa wiase atumfoɔ a bɛbɛsɛe bɛ he deɛ.


Na Yuda ne Silas a na bɛ nso bɛyɛ adiyifoɔ he, kaa nsɛm pii de hyɛɛ bɛ nkurane na bɛhyɛɛ bɛ dene.


Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baeɛ; na nnipakuo he baa bɛ afa. Na besii Paulo aboɔ twee no firii kuro he mu susuu sɛ waawu.


Ɔmaa bɛde sekane kuu Yohane nua Yakobo.


Saa nna he mu he, adiyifoɔ firi Yerusalem baa Antiokia.


Na bɛfrɛɛ asomafoɔ he baeɛ, na betwaa bɛ mmaa. Na bɛhyɛɛ bɛ sɛ bɛmmɔ Yesu dini nka asɛm bio, na begyae bɛ.


na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”


Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”


Bɛbɛpam ho afiri hyia adane mu. Nɔkwasɛm ne sɛ, berɛ bi ɔɔba a biaa a obeku ho he bɛdwene sɛ ɔɔyɔ saa Nyankopɔn dini mu.


na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu​, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem.


berɛ a besii yɛ kwane a yɛantumi ankasa ankyerɛ amanamane mufoɔ he na bɛanya nkwa. Nti ɔma bɛhyɛ bɛ bɔne ma berɛ nyinaa. Na afei deɛ n’abufuo aba bɛ so.


Nti hodi adanseɛ tia ho ho sɛ hoyɛ bɛ a bekuku adiyifoɔ he asefoɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite