Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 23:33 - Apam Foforɔ

33 Awɔ, anankatia mma! Hobɛyɛ dɛ adwane atemmuo a ɔde hobɛkɔ bronsam gya mu he?

Gade chapit la Kopi




Mateo 23:33
17 Referans Kwoze  

Nso ohuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ sɛ bɛɛba abɛbɔ asu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nankatia mma! Hwane ne bɔɔ ho kɔkɔ sɛ honnwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?


Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka.


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


Na Yohane ka kyerɛɛ nnipadɔm a bɛbaa sɛ ɔmmɔ bɛ asu he sɛ, “Nankatia mma, hwane ne ka kyerɛɛ ho sɛ honwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.


Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?


Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?


sɛ yɛpo nkwagyeɛ kɛseɛ yi a, nti yebetumi adwane afiri atemmuo mu anaa? Saa asɛm yi ne Awurade firii aseɛ kaeɛ he. Na bɛ a bɛteeɛ he hyɛɛ mu kena maa yɛ,


Nso mesuro sɛ, ebia, sɛdeɛ wɔ he de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa he, saa ara nso ne bɛbɛdane ho adwene afiri Kristo mu ahofama mapa a owie pɛyɛ he.


Saa deɛ a honwie deɛ ho agyanom hyɛɛ aseɛ he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite