3 Ne saa nti honyɔ deɛ bɛbɛkyerɛkyerɛ ho biaa na honni so.
bɛde nyamesompa adura bɛ anim nso bɛamfa tumi a ɔyam he nni dwuma. Twe wo ho mfiri saa nnipa yi ho.
Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa.
Petro ne asomafoɔ a bɛaka he buaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sene nnipa.
Homma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ bɛ ho ase nhyɛ mane mpanyimfoɔ tumi he ase; efiri sɛ Nyankopɔn ne ma nnipa tumi ma ɔde di dwuma, na Nyankopɔn ne de saa tumidie he sii hɔ.
Papa he kɔɔ deɛ ɔtɔ so mmienu he hɔ kɔkaa asɛm korɔ heaa kyerɛɛ no; na ne ba he buaa sɛ, ‘Owura mɛkɔ’; nso woankɔ.
“Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he atena Mose akonnwa so;
Bɛkyekyere nnesoa duruduru a ne soa ɔdene, na bɛde ato afoforɔ mmati so; nso bɛ ankasa deɛ bɛmpɛ sɛ bɛde bɛ nsa teaa mpo ka nnesoa he.