Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 23:23 - Apam Foforɔ

23 “Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hoyi mmee ne nunum ne kumin mma ho ntotosoɔ du du, na hobu ho ani gu mmara he mu nnoɔma deɛ ohia kyɛne yeinom he so: atɛntenenee ne mmɔborɔhunu ne gyidie. Yeinom a ohia kɛseɛ he ne nka ɔsɛ sɛ hoyɔ berɛ a hommu ho ani ngu deɛ aka he nso so.

Gade chapit la Kopi




Mateo 23:23
16 Referans Kwoze  

“Na ho Farisifoɔ deɛ, honnue, efiri sɛ hoyi mẽẽ, nunum ne kumin nyinaa so ntotosoɔ du du, nso hototo atɛntenenee ne Nyankopɔn dɔ ase! Saa nnoɔma yi ne ɔsɛ sɛ nka hoyɔ, na nea aka he nso ɔnsɛ sɛ hoyi firi mu.


Honkɔ nkosua nea Nyankopɔn kyerɛ, sɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na nyɛ afɔrebɔ.’ Na mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom mebaa sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ.”


Medi mmuada mprenu nnawɔtwe, meyi nea menya nyinaa so ntotosoɔ du du.’


Sɛ nka na honim Nyankopɔn asɛm a ɔdɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu na nyɛ afɔrebɔ,’ ase a nka hoammu deɛ onni fɔ he fɔ.


“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite