Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 23:16 - Apam Foforɔ

16 “Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ, honnue! Ho a hoka sɛ, ‘Sɛ bi de hyiadane ka ntam a, ntam he nyɛ hwee, na mmom sɛ bi de hyiadane mu hɔ sikakɔkɔɔ ka ntam a ntam he kyekyere no.’

Gade chapit la Kopi




Mateo 23:16
14 Referans Kwoze  

Honnyae bɛ; bɛyɛ anifirafoɔ a bɛkyerɛ anifirafoɔ kwane. Sɛ nifirani kyerɛ nifirani kwane a, bɛ mmienu he nyinaa bɛtɔ amena mu.”


Ho, akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ! Hosɔne anonneɛ so yi nwansena to twene nso homene yoma!


Ho anifirafoɔ ne nkwaseafoɔ! Deɛ ɔya he ne sombo, sikakɔkɔɔ he anaa hyiadane he a woama sikakɔkɔɔ he ho ate he?


Ne nyinaa mu he, adɔfonom, honnka soro anaa asaase ntam, anaa ntam foforɔ biaa, na mmom, homma ho ɛɛ, nyɛ ɛɛ, na ho Daabi nso nyɛ daabi, na hoankɔ afobuom.


Ho Farisifoɔ anifirafoɔ! Honhohoro kuruwaa he mu kane na ho he nso afiri.


Ho ani afira paa! Na deɛ ɔya he ne sombo, akyɛdeɛ he anaa afɔrebokyia a ɔma akyɛdeɛ he ho te he?


Medi adanseɛ bio sɛ, ɔsɛ sɛ nea ɔma betwa no twetia de hwehwɛ Nyankopɔn anim bembuo he di mmara a aka he nyinaa nso so.


“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite