13 “Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.
“Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hote sɛ nna a bɛatwa ho fitafita a ɔyɛ fɛ abɔntene, nso mu deɛ funu nnompe ne fi ahodoɔ ahyɛ no ma.
“Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hoyi mmee ne nunum ne kumin mma ho ntotosoɔ du du, na hobu ho ani gu mmara he mu nnoɔma deɛ ohia kyɛne yeinom he so: atɛntenenee ne mmɔborɔhunu ne gyidie. Yeinom a ohia kɛseɛ he ne nka ɔsɛ sɛ hoyɔ berɛ a hommu ho ani ngu deɛ aka he nso so.
na ɔkaa sɛ, “Yɛanhyɛ ho ketee sɛ honyina saa dini yi so nkyerɛkyerɛ? Na afei ɔyɛɛ dɛ ne hode ho nkyerɛkyerɛ yi ahyeta Yerusalem nyinaa, na hoabɔ ho tim pɔ sɛ hode nipa yi mogyaa bebua yɛ atifi.”
Deɛ nti a n’awofoɔ kaa saa ne sɛ, na besuro Yudafoɔ he; efiri sɛ, na Yudafoɔ he apam dada sɛ, sɛ bi paem ka sɛ Yesu ne Kristo he a, bebetu no afiri hyiadane he mu.
“Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ, honnue! Ho a hoka sɛ, ‘Sɛ bi de hyiadane ka ntam a, ntam he nyɛ hwee, na mmom sɛ bi de hyiadane mu hɔ sikakɔkɔɔ ka ntam a ntam he kyekyere no.’