4 Nti ɔsane somaa nkoa foforɔ, kaa sɛ, ‘Honka nkyerɛ bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ he sɛ: Hwɛ masiesie me nnuane, maaku m’anantwie ne mmoa a bɛadɔre sradeɛ, mawie nnoɔma nyinaa; hommra ayefohyia apontoɔ he ase.’
Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.
Na ɔsane somaa nkoa foforɔ a bɛ dɔɔso kyɛne kane deɛ he; na bɛde bɛfaa saa kwane heaa so.
Nea wamfa ɔno ankasa ne Ba ankame yɛ na ɔde no maa yɛ nyinaa he, ɔmmfa nnoɔma nyinaa nka ne (Ba he) ho mma yɛ kwa anaa?
na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”
Na dɔno a bɛde bedi aduane he duruiɛ he, ɔsomaa n’akoa kɔɔ bɛ a ɔtoo nsa frɛɛ bɛ he hɔ sɛ, ‘Hommra na afei bɛasiesie bibiaa awie.’
Na ɔka kyerɛɛ ne nkoa he sɛ, ‘Bɛasiesie ayefohyia apontoɔ he awie, nso bɛ a bɛtoo nsa frɛ bɛ he, amfata bɛ.
Nso bɛamfa n’asɛm he annyɛ hwee na bɛkɔɔ bɛ baabi, baako kɔɔ n’afuom, bi nso kɔɔ n’adwuma,