Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 22:3 - Apam Foforɔ

3 Ɔsomaa ne nkoa sɛ bɛnkɔfrɛ bɛ a bɛtoo nsa frɛɛ bɛ ayefohyia he ase nyinaa, nso bɛampɛ sɛ bɛba.

Gade chapit la Kopi




Mateo 22:3
30 Referans Kwoze  

Honhom he ne ayeforɔ he dɛ, “Bra!” Na biaa a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, “Bra!” Na deɛ sukɔm de no he mmra; na nea ɔpɛ he nso mmɛgye nkwa nsuo he kwa.


Nso Israel ho deɛ ɔkaa sɛ, “Da nyinaa metrɛɛ me nsam maa mane asoɔdenfoɔ ne nyiyianofoɔ yi.”


Nso, hommpɛ sɛ ho ba me nkyɛne na hoanya nkwa.


Na Yudafoɔ he huu nnipakuo he, ahoɔyea hyɛɛ bɛ ma. Na bɛkaa abususɛm de bɔɔ nea Paulo kaeɛ he abira.


Bio nso, homfa m’atamfoɔ a bɛampɛ sɛ medi bɛ so hene he mmra ha na hommekuku bɛ m’anim.’ ”


Na ne bo fuu paa, na wampɛ sɛ ɔkɔ fie. Afei ne papa pie bɛkorɔkrɔɔ no.


Yerusalem! Yerusalem! Wo a woku adiyifoɔ na wosi bɛ a bɛasoma bɛ wo nkyɛne aboɔ; hwɛ mprɛ dodoɔ a mepɛɛ sɛ meboaboa wo manfoɔ ano sɛnea akokɔbaatane boaboa ne mma ano hyɛ ne ntabane ase, nso woampene so!


“Yerusalem, Yerusalem, kuro a oku adiyifoɔ na osi bɛ a bɛasoma bɛ ne nkyɛne aboɔ! Hwɛ mprɛ dodoɔ a meepɛ sɛ mɛboaboa wo mma ano sɛdeɛ akokɔ baatane boaboa ne mma ano ne ntabane ase, nso hoampɛ!


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?


Berɛ a twaberɛ duruiɛ he, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ nhwɛsofoɔ he hɔ sɛ bɛnkɔgye n’afudeɛ mmra no.


Na Yesu ka kyerɛ bɛ sɛ, “Ayefohyia he ahɔhoɔ ntumi nni awerɛhoɔ berɛ a ayefokunu he ya bɛnkyɛne, ɔnte saa? Nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛnkyɛne, na afei bɛbɛkyene kɔm.


Sɛ saa deɛ a, Kristo yɛ apam foforɔ ho ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛafrɛ bɛ he benya daa agyapadeɛ a bɛahyɛ ho bɔ he, efiri sɛ wuo a owuiɛ he agye bɛ afiri apam a odi kane he mmarato ase.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite