22 Berɛ a bɛteeɛ he, bɛ ho dwirii bɛ; na begyaa ne hɔ kɔeɛ.
Berɛ a behuu sɛ ɔyɔɔ saa mfantoho yi tiaa bɛ he, bɛpɛɛ sɛ bɛbɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he. Nti bɛgyae no, na bɛkɔeɛ.
Homma ho kasa ho mmara nyam daa a nkyene ya mu, na hoahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ hobua biaa.
Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.
Biaa antumi ammua no asɛm biaa, na ofiri saa da he biaa ammisa no asɛm biaa bio.
Na berɛ a nnipadɔm he tee saa he, ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ ahodwiri.
“Hwɛ, meesoma ho sɛ nnwane akɔ mpataku mfimfini; nti honya nyansa sɛ wɔ, na honyɛ nnipa a ho ho nni asɛm te sɛ mmuburo.
efiri sɛ mɛma ho ano ne nyansa a bɛ a bɛsɔre tia ho nyinaa ntumi nnyina ano anaa bɛmmɔ ngu.
Na Yesu tee deɛ ɔkaeɛ he, ne ho dwirii no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a bedi n’akyi he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, menhu biaa Israel mu a ɔwɔ gyidie sei.