21 Bebuaa sɛ, “Kaesare dea.” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a, homfa deɛ ɔyɛ Kaesare deɛ mma Kaesare, na homfa deɛ ɔyɛ Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.”
Homfa nea ɔsɛ sɛ hode ma biaa ma no, hontua toɔ ma bɛ a ɔsɛ sɛ hotua toɔ ma bɛ, homfa akatua ma bɛ a akatua sɛ bɛ, hommu nea ɔfata buo, homfa anidie ma nea anidie sɛ no.
Nso Petro ne Yohane buaa bɛ sɛ, “Sɛ ɔtene Nyankopɔn anim sɛ yetie ho sene Nyankopɔn a, ho ankasa hommua.
Obuaa no sɛ “Fa w’akoma nyinaa, wo kra nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.
Afei befirii aseɛ bɔɔ no soboɔ sɛ, “Yɛakye beema yi sɛ ɔɔsɛe yɛ mane, na ɔbra sɛ bentua toɔ mma Kaesare na ɔka sɛ ɔno ne hene Kristo he.”
Petro ne asomafoɔ a bɛaka he buaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sene nnipa.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Firi hɔ, Satan! Na bɛatwerɛ sɛ: “Awurade wo Nyankopɔn nkoaa ne sɔre no, na ɔno nkoaa nso ne som no.”
Na afei obisaa bɛ sɛ, “Hwane ti ne ne abodini ne bɛakurukyire agu sika yi so yi?”
Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommfa nea ɔyɛ Kaesare deɛ mma Kaesare, na hommfa nea ɔyɛ Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.” Na ne ho yɛɛ bɛ nwanwa paa.
Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hedeɛ, homfa Kaesare deɛ mma Kaesare na homfa Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.”