16 Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.
Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.
Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”
Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.
na sɛdeɛ Nyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa he hyɛ yɛ nsa he, saa ara nso ne yɛkasa, ɔnyɛ sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom Nyankopɔn a ɔsɔ yɛ akoma hwɛ he ani.
Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.
Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.
Ɔkaa sɛ, “Hokɔ kuro he mu a, hobehu beema bi, honka nkyerɛ no sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfoɔ he dɛ, Me berɛ abɛne; na me ne m’asuafoɔ he bedi twam aduane he wo fie.’ ”