5 “Honka nkyerɛ Sion babaa, Hwɛ, wo hene ɔɔba wo nkyɛne, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba a ɔsoa nnoɔma so.”
Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.
“Na wo, Betlehem a woya Yuda asaase so, wonyɛ kumaa Yuda amane mufoɔ mu, efiri sɛ wo mu ne bɛbɛfrɛ safohene afiri a ɔbɛyɛ dwanhwɛfoɔ ama me mane Israel.”
bebisaa sɛ, “Hefa ne Yudafoɔ hene a bɛawo no he ya? Yɛahu ne nsoromma apieɛ, na yɛaba sɛ yɛɛbɛkoto no.”
Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,
Natanael kaa sɛ, “Ampa, Rabuni, wone Nyankopɔn Ba he! Wone Israelfoɔ Hene he!”
Na asuafoɔ he kɔ kɔyɔɔ sɛdeɛ Yesu kyerɛeɛ he;
Na ɔde firi Mose ne Adiyifoɔ he nyinaa so kyerɛkyerɛɛ bɛ nsɛm a ɔfa ne ho a ɔya Twerɛsɛm he nyinaa mu.