45 Berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he tee ne mfantoho he, behuu sɛ bɛ ho asɛm ne ɔɔka.
Dɔno heaa mu he, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he pɛɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nkurofoɔ he; behuu sɛ ɔmaa saa mfantoho yi tiaa bɛ.
Afei mmarakyerɛfoɔ he mu baako buaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a yɛ nso woadidi yɛ atɛm.”
Nipa so nni mfasoɔ bebree nkyɛne dwane? Mmara ma ho kwane sɛ bɛyɔ papa homeda.”
Na ɔyɔɔ mfantoho de kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree. Na ɔkaa sɛ: “Hontie! Gufoɔ bi firii adi sɛ okogu n’aba.
[Deɛ ɔbɛhwe saa boɔ yi so he mu bɛpaepae; na nea boɔ he bɛhwe ne so biaa nso ɔbɛyam no muhumuhu.]
Na bɛpɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he, efiri sɛ na nnipadɔm he gye no tom sɛ diyifoɔ.