Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 21:19 - Apam Foforɔ

19 Ohuu borɔdoma dua bi kwane nkyɛne; na ɔkɔɔ ho sɛ ɔɔkɔ pɛ n’aba he bi, nso wanhu hwee dua he so sɛ ahahane nkoaa. Na ɔdomee dua he sɛ, “Wonso aba bio da!” Na borɔdoma he wuu amonom hɔaa.

Gade chapit la Kopi




Mateo 21:19
17 Referans Kwoze  

Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa.


Sɛ bi antena me mu a, betwa no twene sɛ mmabaa a mfasoɔ nni so; na bɛboaboa ano de kogu gya mu ma ɔhye.


Nɔkorɛ, bɛde akuma he ato nnua he nhini ho dada; nti dua biaa a ɔnso aba pa he bebetwa de agu gya mu.


Mmane biaa ɔnso aba he, oyi firi ho; na nea ɔsõ aba he oyiyi ho ma ne so bebree.


Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnso aba bio na bi anya bi adi.” Na n’asuafoɔ he teeɛ.


Ee! Deɛ ɔyɔ bɔne he nkɔso nyɔ bɔne ara, na nea ɔyɔ fi he nyɔ fi ara. Na deɛ ɔtene he nkɔso ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron he nkɔso nyɛ kronkron ara.”


Yeinom yɛ ho dɔ adidie mu nkekaeɛ, bɛne ho bom oodidi, bɛmfɛre adeɛ, bɛyɛne bɛ ho; bɛte sɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, anaa nnua a so nhahane apere a onni aba, na awu mprenu a ne nhini atutu.


bɛde nyamesompa adura bɛ anim nso bɛamfa tumi a ɔyam he nni dwuma. Twe wo ho mfiri saa nnipa yi ho.


Berɛ a asuafoɔ he huiɛ he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa na bɛkaa sɛ, “Mmɛ nti ne borɔdoma dua he wuu amonom hɔaa yi?”


Adeɛ kyeeɛ a na Yesu ne n’asuafoɔ ootwam he, behuu borɔdoma dua he sɛ atwintwam firi ne soro kosi ne ne nhini so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite