Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 21:15 - Apam Foforɔ

15 Nso berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he huu anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ he, na bɛtee sɛ mmɔfra ɔɔteam asɔredane mu hɔ sɛ, “Hosiana, Dawid Ba,” he bɛ bofuu paa

Gade chapit la Kopi




Mateo 21:15
20 Referans Kwoze  

Na nnipadɔm a bedi n’anim ne bɛ a bedi n’akyi he teateam sɛ, “Hosiana, Dawid ba! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade dini mu ɔɔba! Hosiana ya sorosoro!”


Farisifoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, Honhu sɛ hontumi nyɔ no hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.


Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.


Twerɛsɛm he nkaa sɛ Kristo he befiri Dawid ase ne Betlehem, akuraa a na Dawid te mu he ne bɛba?”


Na Awurade huu sɛ Farisifoɔ he ate sɛ, “Oonya asuafoɔ bebree, na ɔɔbɔ nnipa bebree asu kyɛne Yohane.”


Na adeɛ kyeeɛ he, mane he mpanyimfoɔ abadwakuo he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa ka boom, na bɛde no kogyinaa bɛ asennibea kaa sɛ.


Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nso ɔɔhwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku Yesu, efiri sɛ na besuro nkurofoɔ he.


Na ɔbaa sɛ da koro bi a na Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ asɔrefie hɔ na ɔɔka asɛmpa he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ ne mpanyimfoɔ he baa ne nkyɛne,


Na asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he teeɛ he, bɛkɔɔ so hwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku no nso, na besuro no, efiri sɛ, ne nkyerɛkyerɛ he twee nnipakuo he nyinaa adwene.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane mpanyimfoɔ he bɔɔ nnipadɔm he aso sɛ bɛmma bennyae Baraba, na benku Yesu mmom.


Adeɛ kyeeɛ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane he mu mpanyimfoɔ he nyinaa tuu agyinaa hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne badwa he nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekunumu, na bɛagyina so de aku no,


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,


“Ɛɛne ne hodwene fa Kristo he ho? Ɔyɛ hwane ba?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔyɛ Dawid ba.”


Na afei berɛ a Yesu wuraa asɔredane mu hɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu mpanyimfoɔ baa ne nkyɛne, berɛ a ɔɔkyerɛkyerɛ he. Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ tumi ne wode yɔ saa nnoɔma yi, na hwane ne maa wo saa tumi yi?”


Na Yesu firii hɔ kɔeɛ he, anifirafoɔ mmienu dii n’akyi teateam dendene sɛ, “Hu yɛ mmɔbɔ, Dawid ba!”


Berɛ a asuafoɔ du he tee yei he, bɛ bo fuu anuanom mmienu yi paa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite