Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 21:11 - Apam Foforɔ

11 Nnipadɔm he kaa sɛ, “Yei ne Yesu, diyifoɔ a ofiri Nasaret a ɔya Galilea he.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 21:11
20 Referans Kwoze  

Afei nnipa he huu nsɛnkyerɛnne a Yesu yɔeɛ he, bɛkaa sɛ, “Nɔkwasɛm, diyifoɔ a ɔɔba wiase he di.”


Na bɛtee saa nsɛm yi he, nnipa bi firi nnipakuo he mu kaa sɛ, “Diyifoɔ he di ampa.”


Afei hu kaa bɛ nyinaa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Bɛama diyifoɔ kɛseɛ bi so ya yɛ mu,” na “Nyankopɔn ama n’ani aba ne nkurofoɔ so!”


Saa Mose yi ne ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Nyankopɔn beyi diyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho.’


Nti bɛsane bisaa nea na ɔyɛ nifirani he sɛ, “Wone wabie w’ani, na wo nso mmɛ ne wowɔ ka fa ne ho?” Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ diyifoɔ.”


Na ɔkɔtenaa baabi a bɛfrɛ hɔ Nasaret, nti deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam sɛ, “Bɛbɛfrɛ no Nasareni.”


Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, afei maahu sɛ woyɛ diyifoɔ.


Na bebisaa no sɛ, “Wone Elia anaa?” Na ɔkaa sɛ, “Daabi, menyɛ Elia.” “Wone diyifoɔ he?” Obuaa sɛ, “Daabi.”


Na binom kaa sɛ, “Ɔyɛ Elia.” Na binom nso kaa sɛ, “Ɔyɛ diyifoɔ te sɛ tete adiyifoɔ he bi.”


Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ asɛm ne asi?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nea ɔfa Nasareni Yesu, a ɔyɛ diyifoɔ a ɔwɔ tumi, nnwuma ne kasa mu, Nyankopɔn ne mane he nyinaa anim he ho he,


Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wonyɛ Kristo he, Elia anaa diyifoɔ he, nso wobɔ asu yi?”


Nso, otwa sɛ menante nnɛ ne kyena ne adekyeeɛ, efiri sɛ ɔnsɛ sɛ beku diyifoɔ bi baabi foforɔ biaa gye Yerusalem.’


Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no he huiɛ he, ɔkaa no ne tim sɛ, “Sɛ beema yi yɛ diyifoɔ a, nka obehu onii ne baa ko a ɔde ne nsa ɔɔka no he sɛ ɔyɛ debɔneyɛni.”


Berɛ a oduruu Yerusalem he, kuro mũ he nyinaa bɔɔ twi, bisaa sɛ, “Hwane di?”


Nso sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri nnipa,’ a yesuro nea nnipadɔm he bɛyɔ; efiri sɛ bɛ nyinaa bebu Yohane sɛ diyifoɔ.”


Na bɛpɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he, efiri sɛ na nnipadɔm he gye no tom sɛ diyifoɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite