7 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Nipa biaa mmɔ yɛ paa nti a.’ Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso honkɔ bobe turo mu hɔ.’
Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.
ahintasɛm a mmeresantene ne awoɔntoatoasoɔ mu ohintaeɛ, ne bɛayi no adi akyerɛ yɛ a yɛyɛ n’ahoteefoɔ yi.
Na honim sɛ papa biaa a yɛyɔ he, nkoa oo, adehyeɛ oo, yebenya ho akatua afiri Awurade hɔ.
Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete
Na bɛkaa sɛ, “Ɛɛne ne yɛbɛyɔ nnipa yi? Na nsɛnkyerɛnne a ɔnam bɛ so aba he ada adi ya bɛ a bɛte Yerusalem nyinaa anim; na yentumi nnye ho akyinnye.
Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.
“Na soro ahennie he te sɛ afuowura bi a ɔkɔɔ abɔntene anɔpatutuutu sɛ ɔɔkɔpɛ apaafoɔ akɔ ne bobe turo mu.
Na ɔbɔɔ bɛyɛ nnɔn num he ɔkɔɔ abɔntene kohuu sɛ binom gyinagyina hɔ; na obisaa bɛ sɛ, ‘Mmɛ nti ne hogyina hɔ kwa da mu nyinaa?’
Nnwunu dwoeɛ he, bobe turo wura he ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ, ‘Frɛ apaafoɔ he na tua bɛ ka, firi deɛ otwa toɔ so kosi deɛ odi kane so.’