5 Berɛ a ɔkɔɔ abɔntene bio bɛyɛ awigyina ne bɛyɛ nnɔn mmeɛnsa he, ɔyɔɔ saa.
Adeɛ kyeeɛ a bɛnam kwane so ɔɔkɔ na bɛɛyɛ aduru kuro he mu he, Petro kɔɔ dane he atifi bɛyɛ awia dummienu berɛ mu kɔbɔɔ mpaeɛ.
Bɛyɛ awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu he, ohuu Nyankopɔn bɔfoɔ pefee anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛne na ɔɔfrɛɛ no sɛ, “Konelio.”
Da koro bi, ɔɔkɔ bɔ awia nnɔn mmeɛnsa, mpaebɔ berɛ he, Petro ne Yohane siim sɛ bɛɛkɔ asɔrefie.
Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ nnɔnhwere dummienu ne ya adekyeɛ mu? Bɛ a bɛnante awia berɛ he nsonti bibiaa, efiri sɛ behu wiase hann.
Na Yakobo abura he ya hɔ. Esiane sɛ na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa Yakobo abura he so sɛ ɔɔhome. Na aabɔ bɛyɛ awia dummienu.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommra mmɛhwɛ.” Bɛba behuu baabi a na ɔte, na bɛ ne no tenaa hɔ saa da he. Na aabɔ bɛyɛ awia nɔnnan.
Na ofiri awigyina ɔɔkɔ he, sum baa asaase he nyinaa so kosii awia nɔn mmeɛnsa.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso ho nkɔ bobe turo mu hɔ, na metua ho ka sɛdeɛ ɔsɛ.’ Nti bɛkɔeɛ.
Na ɔbɔɔ bɛyɛ nnɔn num he ɔkɔɔ abɔntene kohuu sɛ binom gyinagyina hɔ; na obisaa bɛ sɛ, ‘Mmɛ nti ne hogyina hɔ kwa da mu nyinaa?’