22 Nso Yesu buaa sɛ, “Wonnim deɛ woobisa he. Hobetumi anom kuruwaa a mɛnom he bi?” Bebuaa sɛ, “Yebetumi.”
sɛ, “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so. Nso, ɔnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ ne nyɛ hɔ.”
Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.”
Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa sekane he hyɛ bɔha he mu. Nti ɔnsɛ sɛ mennom kuruwa a Agya he de ama me he anaa?”
Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya, bibiaa nso wo yɔ; yi kuruwaa yi firi me so; nso nyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ.”
Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”
Saa ara nso ne Honhom he boa yɛ yɛ mmerɛyɛ mu; na yennim sɛnea ɔsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ a ɔsɛ, nso Honhom he ankasa si apini a mu dɔ kyɛne nsɛm de di ma yɛ.
Hobisa nso ho nsa nka, efiri sɛ hobisa no kwammɔne so, sɛdeɛ hode bedi ho honam akɔnnɔ ho dwuma.
Nɔkorɛ di, mewɔ asubɔ bi da m’anim, na hwɛ sɛnea me ho yera me kosi sɛ bebewie!
Nso yei nyinaa asi, sɛ ɔbɛyɛ a adiyifoɔ he atwerɛ he bɛba mu.” Afei asuafoɔ he nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.
Petro ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ otwa sɛ me ne wo wu mpo a, mempa wo da.” Na saa ne asuafoɔ he nyinaa nso kaeɛ.