Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 2:4 - Apam Foforɔ

4 na ɔfrɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu atwerɛfoɔ nyinaa bisaa bɛ baabi a ɔsɛ sɛ bɛwo Kristo he.

Gade chapit la Kopi




Mateo 2:4
30 Referans Kwoze  

Nti hɔ yɛɛ gyegyeegye, na atwerɛfoɔ a befiri Farisifoɔ kuo mu binom sɔre kasakasa dendenndene sɛ, “Yenhu mfomsoɔ biaa nipa yi ho, efiri sɛ ebia na honhom anaa bɔfoɔ bi ne akasa kyerɛ no.”


Na behwanyanee nnipa he ne mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he maa bɛbaa no so mpofirem bɛkyee no kɔmaa Sanhedrin he.


Na afei berɛ a Yesu wuraa asɔredane mu hɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu mpanyimfoɔ baa ne nkyɛne, berɛ a ɔɔkyerɛkyerɛ he. Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ tumi ne wode yɔ saa nnoɔma yi, na hwane ne maa wo saa tumi yi?”


efiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ bi a ɔwɔ tumi, na ɔnyɛ sɛnea bɛ atwerɛfoɔ he kyerɛkyerɛ he.


Adeɛ kyeeɛ he, bɛ atumfoɔ ne mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he hyiaam Yerusalem,


Nti Yuda de asrafokuo ne awɛmfoɔ a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he nkyɛne baa hɔ a na bekitakita ntanii ne nkanea ne akodeɛ.


Afei atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ de baa bi a bɛakye no adwamammɔ mu baeɛ, na bɛde no begyinaa mfimfini.


Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.


Yesu buaa sɛ, “Nti wo a woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ he, wonnim yeinom?”


Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he kɔɔ so sɔre gyinaeɛ de abufuɔ bɔɔ no soboɔ aniberɛ so.


Dɔno heaa mu he, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he pɛɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nkurofoɔ he; behuu sɛ ɔmaa saa mfantoho yi tiaa bɛ.


Afei Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he fa amanehunu pii mu, na mpanyimfoɔ, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no na beku no, na nnansa akyi he wasɔre bio.


Adeɛ kyeeɛ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane he mu mpanyimfoɔ he nyinaa tuu agyinaa hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no.


Na ogu so ɔɔkasa he, Yuda a ɔyɛ dummienu he mu baako beduru hɔ, na nnipadɔm pii ka ne ho a bekitakita asekane ne mmaa a na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ na asoma bɛ.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,


Nso berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he huu anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ he, na bɛtee sɛ mmɔfra ɔɔteam asɔredane mu hɔ sɛ, “Hosiana, Dawid Ba,” he bɛ bofuu paa


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”


Berɛ a Herode a ɔyɛ hene he teeɛ he, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tuiɛ;


Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔsɛ sɛ bɛwo no Betlehem a ɔya Yudea, sɛnea adiyifoɔ he bɛatwerɛ ato hɔ sɛ:


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite