Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 2:13 - Apam Foforɔ

13 Na nsoromma mu animdifoɔ he firii hɔ he, Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, na honnwane nkɔ Misraim, na hontena hɔ nkosi sɛ mɛka bibi akyerɛ ho bio ɔfa yei ho; efiri sɛ Herode ɔɔpɛ abɔfra he aku no.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 2:13
29 Referans Kwoze  

Na Petro ani baa ne ho so he, ɔkaa sɛ, “Afei ne mahu sɛ Awurade ankasa ne somaa ne bɔfoɔ beyii me firii Herode nsam ne nea na Yudafoɔ he ani da so sɛ bɛde bɛyɔ me nyinaa mu.”


Berɛ a bɔfoɔ a ɔne no kasaeɛ he kɔeɛaa pɛ, ɔfrɛɛ ne fie nkoa mmienu ne sraani bi a ɔwɔ ahofama firii bɛ a bɛsom no daa he mu,


Na anadwo he, Awurade bɔfoɔ bi biee afiase apono he de bɛ firii adi kaa sɛ,


Na bɛbɔɔ bɛ kɔkɔ daeɛ mu sɛ bɛnnsane nkɔ Herode hɔ bio he, bɛfaa kwane foforɔ so kɔɔ bɛ kurom.


Nso berɛ a ɔyɔɔ sɛ obetu saa anammɔn he pɛ ne Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛso mu, kaa sɛ, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria a ɔyɛ w'asiwa-yerɛ he akɔ wo fie, efiri sɛ, abɔfra a ɔnyem no he firi Honhom Kronkron.


Na Herode huu sɛ nsoromma mu animdefoɔ he adaadaa no he, ne bo fuu kɛse paa, na ɔsoma maa bekokuu mmɔfra mmeema a benni mmoroo mfie mmienu nyinaa a bɛya Yerusalem ne ne mpɔtamu, sɛnea berɛ a ohu firii nsoromma mu animudefoɔ he hɔ kyerɛ he.


Nso bɛmaa baa he kɔdeɛ ntabane akɛseɛ mmienu sɛnea ɔbɛyɛ a obetumi atu akɔ serɛ so baabi a hɔ yɛ ne tenaberɛ, dea bɛbɛhwɛ no mfie mmeɛnsa ne fa sɛnea wɔ he oonni n’akyi bio.


Na afiasehwɛfoɔ he kaa asɛm he kyerɛɛ Paulo, kaa sɛ, “Mane mpanyimfoɔ he asoma nnipa aba sɛ mennyae ho. Nti afei hommɛsene nkɔ asomdwie mu.”


Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”


Ɔno ne de anifire dii yɛ abusua na ɔhyɛɛ yɛ nananom sɛ bɛnto bɛ mmɔfra ngu ma benwuwu.


Sɛ bɛtaa ho kuro baako so a, honwane nkɔ kuro foforɔ so; na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, honnkɔ Israel nkuro nyinaa mu na Nipa Ba he aba.


Baa he dwane kɔɔ serɛ so baabi a Nyankopɔn asiesie ama no a bɛbɛhwɛ no hɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.


Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe.


Nso ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode anane mu oodi adeɛ Yudea he, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Na afei, bɛbɔɔ no kɔkɔ daeɛ mu he, ɔkɔɔ Galilea mansinim.


Na Yosef sɔreeɛ, na ɔfaa abɔfra he ne ne maame anadwo he, na bɛkɔɔ Misraim,


Mpofiremuaa Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi na hann bi hyerɛnn afiase dane he mu. Ɔbɔɔ Petro nkyɛne mu nyanee no kaa sɛ, “Sɔre ntɛm.” Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn he firii ne nsa guu fam.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite