24 Bio, meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ mmerɛ ama yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ sikani bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.”
Hobɛyɔ dɛ na hoagye adi berɛ a hogye animuonyam firi hoaa ho ho, na honnye animuonyam mfiri Nyankopɔn korɔ he nkyɛne?
Nɔkwasɛm ne sɛ, ɔmmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu kyɛne sɛ defoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.”
Na Yesu hwɛɛ bɛ kaa sɛ, “Nnipa fam deɛ ɔnyɛ yie, nso Nyankopɔn fam deɛ bibiaa nni hɔ a ontumi nyɛ hɔ.”
Ho, akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ! Hosɔne anonneɛ so yi nwansena to twene nso homene yoma!
Asuafoɔ he tee yei he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa kɛse, na bɛkaa sɛ “Sei ne ɔteɛ deɛ a, hwane ne betumi anya nkwa?”
Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”
Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.