23 Na Yesu ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ dene ama sikani sɛ ɔbɛkɔ soro ahennie mu.
Na deɛ beguu no nkasɛe mu he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a, wiase adwendwene ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm he, na ne saa nti, ontumi nso aba biaa.
Na Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a na bɛya hɔ he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Hwɛ dene a ɔbɛyɛ ama adefoɔ sɛ bɛbɛkɔ Nyankopɔn ahennie he mu!”
Yesu hwɛɛ no kaa sɛ, “Sɛ hoahu dene a ɔyɛ ma asikafoɔ ne adefoɔ sɛ bɛbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!
Anuanom, hoaa hoahu no hofrɛ he mu sɛ ɔnyɛ honam fam anyansafoɔ, na ɔnyɛ atumfoɔ anaa adehyeɛ ne ɔfrɛɛ bɛ;
Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”
Nso hoabu saafoɔ he animtia. Ɔnyɛ wiasefoɔ adefoɔ ne bɛhyɛ ho so he? Ɔnyɛ bɛ ne bɛtwe ho kɔ asennibea he anaa?
Hɔ ne bɛhyɛɛ akra he dene na bɛhyɛɛ bɛ nkuranee sɛ bɛntoa gyidie he so. Na afei bɛkaa sɛ, “ɔsɛ sɛ yɛfa taa pii mu na yɛakɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”
Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.
na ɔkaa sɛ “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoanyɔ ho ho sɛ mmɔfra a, hontumi nhyɛne soro ahennie mu.
Meeka akyerɛ ho, sɛ ho tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ bɛ deɛ so a, honnya soro ahennie mu kwane da.
Hohwɛ a bɛ mmienu mu hwane ne yɔɔ ne papa he apɛdeɛ?” Bebuaa sɛ, “Deɛ odi kane he a.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, togyefoɔ ne adwamammɔfoɔ oodi ho anim kane Nyankopɔn ahennie mu,
Berɛ a abranteɛ he tee saa asɛm he, ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ, efiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ pii.