Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 19:16 - Apam Foforɔ

16 Afei, nipa bi baa Yesu nkyɛne bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mmɛ nwuma pa ne menyɔ na manya daa nkwa?”

Gade chapit la Kopi




Mateo 19:16
32 Referans Kwoze  

na honkɔ so ntena Nyankopɔn dɔ mu berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu mu ama wama ho nkwa a onni awieeɛ he.


na biaa ɔbɛgye no adi he, benya daa nkwa.”


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


ampa, nkwa he daa ne ho adi kyerɛɛ yɛ, na yɛahu a yeedi ho adanseɛ, na yɛɛka daa nkwa a ɔya Agya he nkyɛne a bɛdaa no adi kyerɛɛ yɛ he ho asɛm akyerɛ ho,


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


sɛdeɛ ɔbɛyɛ a, yɛnam n’adom so benya bembuo na yɛabɛyɛ adedifoɔ daa nkwa anidasoɔ he mu.


Na yei ne wahyɛ yɛ ho bɔ he, nkwa a onni awieeɛ he.


daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ—


na saa yɔ mu ne bɛhyehyɛ fapem pa ama bɛ ho daakye, na bɛanya nkwa a ɔyɛ nkwa mapa.


Ko gyidie ko pa he, sɔ daa nkwa a bɛfrɛ wo baa mu, berɛ a wogye too mu kwane pa so adansefoɔ bebree anim, he mu dene.


Na ɔde bɛ baa abɔntene bisaa sɛ, “me wuranom, mennyɛ dɛ na manya daa nkwa?”


Na sɛnea bɔne dii hene wuo mu he, adom so nam tenenee so adi hene afa yɛ Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Deɛ ɔdɔ ne nkwa he, obefiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne nkwa wiase ha yi bɛkora no akɔ daa nkwam.


Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam.


Simon Petro buaa sɛ, “Awurade, hwane nkyɛne ne yɛbɛkɔ? Wo nkoaa ne wowɔ daa nkwa nsɛm.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.


“Hohwehwɛ twerɛsɛm he mu, efiri sɛ hogye di sɛ ɔno ne bɛma ho nkwa, na ɔnoaa nso ne di me ho adanseɛ.


na nea ɔbɛbɛnom nsuo a mede bɛma no he, sukɔm ɔnne no da. Na mmom nsuo a mede bɛma no he, bɛyɛ abura a ofifiri ne mu kɔ daa nkwam.”


Na biaa a me dini nti, wagya afie anaa nuammeema anaa nuammaa, anaa papa anaa maame anaa mma, anaa nsaase hɔ he, obenya no mmɔho ha, na obenya daa nkwa nso.


Na ɔno nso nti ne menyaa mmɔborɔhunu, sɛnea Yesu Kristo bɛfa me a medi kane nnebɔnyɛfoɔ mu ada abodwokyɛre adi, ayɛ nhwɛsoɔ ama bɛ a bɛbɛgye no adi anya daa nkwa.


Na Yesu hwɛɛ bɛ kaa sɛ, “Nnipa fam deɛ ɔnyɛ yie, nso Nyankopɔn fam deɛ bibiaa nni hɔ a ontumi nyɛ hɔ.”


Na ɔde ne nsa guu bɛ so hyiraa bɛ na ɔkɔɔ ne kwane.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite