Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 18:5 - Apam Foforɔ

5 “Deɛ ɔgye abɔfra a ɔte sei baako me dini mu he, ɔgye me.

Gade chapit la Kopi




Mateo 18:5
12 Referans Kwoze  

Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


ewom sɛ me tebea he yɛ nsɔhwɛ ma ho deɛ, nso hoammu me animtia, na hoampo me, na mmom hogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, sɛ nea hogyee Kristo Yesu ankasa he.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye biaa a mesoma no he gye me nso. Saa nso ne nea ɔgye me nso gye nea ɔsomaa me he nso.”


“Nea ɔgye nkumaa yi mu baako me dini mu he gye me, na nea ɔgye me he, ɔnnyɛ me ne ɔgye me na mmom ɔgye nea ɔsomaa me he nso.”


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.”


Na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔbɛma ho nsuo kuruwa baako mpo anom, sɛ hokura Kristo dini nti he, n’akatua ɔmmɔ no da.”


Na obebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛdeɛ hoannyɔ amma nkumaa yi mu baako he, saa ne hoannyɔ amma me nso.’


Na biaa a obisa he, ne nsa ka, na biaa a ɔhwehwɛ he, ohu, na biaa a obom he bebie pono he ma no.


Nipa biaa a ɔbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra he, ɔno ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ paa soro ahennie mu.


Sɛ ho mu bi to mmɔfra nketewa a bɛgye me di yi mu baako sintidua a, nsunsuansoɔ a ɔbɛba ne so he so kyɛne sɛ bɛde ayuyammoɔ bɛsɛne ne kɔno mu de no akɔto po bunu mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite